Mark 13

Asɔredan no sɛe

1Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasuw no.” 2Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa ɔdan yi agu pasaa.”

3Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se, 4“Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa anaa?”

5Yesu nso buaa wɔn se, “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo. 6Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7Akokoakoko besisi mmaa nyinaa nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne.

8“Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiase. 9Nanso sɛ eyinom fiti ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnnii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba. 11Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asɛnnii a, munnnwen nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.

12“Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn. 13Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.

Ahohia a ɛyɛ hu

14“Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so. 15Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nnkɔfa biribiara mmfi hɔ. 16Wɔn a wɔwɔ mfum no nso nnsan wɔn akyi mmmɛfa sika anaa ntama wɔ fie.

17“Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 18Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere. 19Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da. 20Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so.

21“Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua. 22Wɔn a wɔnam nnaadaa so ka se wɔne Kristo no ne adiyifo no bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23Monhwɛ yiye, efisɛ, maka biribiara akyerɛ mo!

24“Ahohia no akyi no, owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, 25na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow tumi a ɛwɔ wim no. 26Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba. 27Na mɛsoma mʼabɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi soro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

28“Afei, merebɛka asɛm bi a ɛfa akutu dua ho a ɛbɛma mo osuahu bi akyerɛ mo. Sɛ eyi baa foforo san yi ahaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow atue. 29Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn.

30“Afei nokware ni, wɔn a wɔte ase saa bere yi mu no nyinaa renwuwu kosi sɛ saa nsɛm yi besisi. 31Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.

32“Nanso, da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim. 33Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.

34“Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafo nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.

35“Enti, mo nso monwɛn, efisɛ, munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasum, ahemanakye anaa awia. 36Sɛ ofi mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. Monwɛn.”

Copyright information for TwiNAK